John 18

Wɔkyere Yesu

1Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii baabi a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu. 2Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ.

3Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokitakita akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.

4Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se. “Hena na mohwehwɛ no?”

5Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me ni!” Na Yuda a oyii no mae no gyina hɔ bi. 6Yesu kae se, “Me ni” no, wopimpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.

7Ɔsan bisaa wɔn bio se, “Mohwehwɛ hena?” Na wobuae se, “Yesu a ofi Nasaret no.”

8Yesu buaa wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. Sɛ me na mohwehwɛ me de a, ɛnne momma mʼasuafo no nkɔ.” 9Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a waka se, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae” no, bɛba mu.

10Saa bere no, Petro a na okita sekan no twee, de twaa ɔsɔfo panyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.

11Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Fa wo sekan no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼagya de ama me no ano anaa?”

Yesu gyina Ana anim

12Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13de no dii kan kɔmaa Ana a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfo panyin no. 14Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no no.

Petro pa Yesu

15Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfo panyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfo panyin no fi hɔ. 16Petro de ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfo panyin no yiye no, san bae ne abeawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasae maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu. 17Abeawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako anaa?” Petro buae se, “Dabi.”

18Saa bere no na ɛyɛ awɔw bere, nti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.

Ɔsɔfo panyin no bisa Yesu nsɛm

19Ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

20Yesu buae se, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ guam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kokoam. 21Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae.”

22Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsofo panyin anim saa.”

23Yesu buaa no se, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekae no nso yɛ nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?”

24Afei Ana ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa anim.

Petro pa Yesu bio

25Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako anaa?” Petro sanee bio se, “Dabi, menka wɔn ho.”

26Ɔsɔfo panyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?”

27Petro san sanee bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.

Wɔde Yesu kɔ Pilato anim

28Wɔde Yesu fi Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi. 29Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”

30Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”

31Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.” Yudafo no nso kae se, “Yenni tumi sɛ yekum obi.” 32Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.

33Pilato san kɔɔ nʼahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no anaa?”

34Yesu nso bisaa no se, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?”

35Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”

36Yesu buaa no se, “Mʼahenni nyɛ asase so ahenni; sɛ mʼahenni yɛ asase so ahenni a, anka mʼakyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, mʼahenni nyɛ asase so ahenni.”

37Pilato bisaa no se, “Ɛnne na woyɛ ɔhene ne no?” Yesu buaa no se, “Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako pɛ nti na wɔwoo me baa wiase ha sɛ memmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me.”

38Pilato bisaa no se, “Ɛdɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ. 39Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo anaa?”

40Yudafo no teɛteɛɛm se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ odwotwafo.

Copyright information for TwiNAK